Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:4 - Apam Foforɔ

4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:4
31 Iomraidhean Croise  

na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ.


Na ɔhyɛɛ asuafoɔ he ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa sɛ ɔno ne Kristo he.


Befiri bepɔ he so oosiane he, Yesu hyɛɛ bɛ sɛ, “Honnka anisoadehunu yi ho asɛm nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”


Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no.


Honnwene sɛ maaba sɛ meebeyi mmara ne adiyifoɔ he hɔ; mamma sɛ meebeyi no hɔ, na mmom maaba sɛ meebɛma no aba mu pefee.


“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.


Na bɛ ani biebieɛ. Afei Yesu bɔɔ bɛ kɔkɔ dendenndene sɛ, “Honhwɛ na biaa ante yei.”


“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.


Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnna no adi nkyerɛ biaa.


Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛmma biaa nte yei, na afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, bɛmma akwadaa he bibi nni.


Baabi a hobɛkɔ a bɛannye ho he, na bɛantie ho he, sɛ hoofiri hɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ, na ɔnyɛ adanseɛ ntia bɛ.”


Na Yesu hyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa, na mprɛ dodoɔ a ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnnka he, saa mprɛ dodoɔ heaa ne bɛde anigyeɛ bɔɔ asɛm he dawuro.


Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka ne ho asɛm nkyerɛ biaa.


Na afei berɛ a beesiane afiri bepɔ he so asi fam he, ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nea bɛahu he nkyerɛ biaa kosi sɛ Nipa Ba he benyane afiri awufoɔ mu.


Na ohuu bɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na homfa ho ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ he.” Na berɛ a bɛɛkɔ he bɛ ho firiiɛ.


Yei bɛma ho kwane ama hoadi adanseɛ.


Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.


Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”


Na n’awofoɔ he ho dwirii bɛ; nso ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnka nea asi he nkyerɛ biaa.


Na Yesu braa bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa,


Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛne.


Bɛ a bɛbɔ betim kasa he hwehwɛ bɛ ankasa bɛ animuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no he animuonyam he yɛ nɔkwafoɔ a nea ɔntene biaa nni ne mu.


Nso menhwehwɛ animuonyam mma me ho, bi ya hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan