1 Berɛ a Yesu siane firii mmepɔ he so he, nnipadɔm pii dii n’akyi.
Berɛ a Yesu huu saa he, ofirii hɔ. Nnipa bebree dii n’akyi, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ,
Nnipadɔm pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, mmum, ne afoforɔ bebree kaa bɛ ho baa ne nkyɛne. Bɛde bɛ beguu ne nane ase, na ɔsaa bɛ yadeɛ,
Na nnipa nnipadɔm pii dii n’akyi, na ɔsaa bɛ yadeɛ hɔ.
Beefiri Yeriko he, nipadɔm pii tu dii n’akyi.
Na nkurofoɔ akuoakuo pii firi Galilea, Dekapoli, Yerusalem, Yudea, ne Yordan agya nyinaa dii n’akyi.
efiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ bi a ɔwɔ tumi, na ɔnyɛ sɛnea bɛ atwerɛfoɔ he kyerɛkyerɛ he.
Afei Yesu huu nnipadɔm pii sɛ bɛatwa ne ho ahyia he, ɔhyɛɛ sɛ bentwa nkɔ fa nohoaa.
Na hwɛ, kwatani bi baa ne hɔ bebuu nkotodwe n’anim, kaa sɛ, “Awurade, sɛ wopɛ a, wobetumi ama me ho afiri.”
Na afei Yesu ne n’asuafoɔ he twee bɛ ho kɔɔ mpoano, na nnipadɔm bebree firi Galilea ne Yudea dii n’akyi.
Nso ne ho asɛm trɛɛ pii, na nnipakuo pii baeɛ sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ afiri bɛ nyarewa ahodoɔ nyinaa mu.