5 Na Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ nyinaa ɔne bɛ a bɛte Yordan agya nyinaa kɔɔ ne nkyɛne,
Hene Herode berɛ so he, bɛwoo Yesu Betlehem a ɔya Yudea. Na yei akyi he, nsoromma mu animdefoɔ bi firi apieeɛ baa Yerusalem,
Na nkurofoɔ akuoakuo pii firi Galilea, Dekapoli, Yerusalem, Yudea, ne Yordan agya nyinaa dii n’akyi.
Na Yuda asaase sofoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa kɔɔ ne nkyɛne, na bɛkaa bɛ bɔne ma ɔbɔɔ bɛ asu asubɔntene Yordan mu.
“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.
Nti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu pae mu kaa adwensakra ho asubɔ a ɔde kɔ bɔne fakyɛ mu he ho asɛm,
Na Yohane ka kyerɛɛ nnipadɔm a bɛbaa sɛ ɔmmɔ bɛ asu he sɛ, “Nankatia mma, hwane ne ka kyerɛɛ ho sɛ honwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?
Na Yohane nso ɔɔbɔ asu nsuo Ainon a ɔbɛne Salim efiri sɛ na asuasu pii ya hɔ, na nnipa kɔɔ so baa hɔ maa no bɔɔ bɛ asu.
Na ɔyɛ kanea a ɔdɛre na ɔhyerɛn, na ho deɛ, na hopɛ sɛ ho ani gye mmerɛ kakra ne hann mu.