Ninewefoɔ ne nemmafoɔ behyia atemmuo mu, na bebebu saa nemmafoɔ yi fɔ, efiri sɛ Ninewefoɔ he gyee Yona asɛnka diiɛ na bɛsakraa bɛ adwene, na hwɛ, deɛ ɔso kyɛne Yona ya ha.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”
“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.
Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.
Nti afei, homma yɛmfa Kristo ho mfitiasesɛm he nto nkyɛne, na yɛmpere nkɔ nkyerɛkyerɛ a ɔfata bɛ a bɛ anyini Kristo mu he, na yɛansane anto fapem a ɔfa yeinom ho bio: nnwuma funu ho adwensakra ne Nyankopɔn mu gyidie,
Awurade ntwentwɛne ne nane ase ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea binom dwene he. Na nea ɔteɛ ne sɛ, ɔwɔ ho ho boasetɔ, efiri sɛ, ɔmpɛ sɛ biaa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ biaa nya adwensakra.
Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.