Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei nti twerɛfoɔ biaa a bɛatete ne sɛ suani ma soro ahennie he te sɛ fiewura a oyi n’agyapadeɛ foforɔ ne dadaa nyinaa firi n’adekoradane mu.”
Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa
Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?”
Na ogu so ɔɔkasa he, Yuda a ɔyɛ dummienu he mu baako beduru hɔ, na nnipadɔm pii ka ne ho a bekitakita asekane ne mmaa a na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ na asoma bɛ.
Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio.
Nti hɔ yɛɛ gyegyeegye, na atwerɛfoɔ a befiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasa dendenndene sɛ, “Yenhu mfomsoɔ biaa nipa yi ho, efiri sɛ ebia na honhom anaa bɔfoɔ bi ne akasa kyerɛ no.”