9 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honam nyansakwane so po Nyankopɔn mmara sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobetumi adi ho atetesɛm so!
Memma Nyankopɔn adom he nyɛ kwa; na sɛ bembuo nam mmara so ne ba a, hedeɛ na Kristo awu kwa.
Yei nti honam ho atetesɛm a hode agya nkyiremma so ato Nyankopɔn asɛm atwene. Na hoyɔ nnoɔma a ɔte sei bebree.”
(Nea na Farisifoɔ he ne Yudafoɔ he nyinaa yɔ ne sɛ bɛanhohoro bɛ nsa ho yie a, bennidi, ɔno ne mpanyimfoɔ atetesɛm so die;
Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.
Ɔsɛ sɛ yɛde saa gyidie he tu mmara he gu anaa? Daabi da! Na mmom, yɛma mmara he ase tim.
Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne w’asuafoɔ nni mpanyimfoɔ atetesɛm he so yi, na bɛde nsa a ho agu fi ne didi yi?”
Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.
Mekɔɔ nkane Yuda som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree, efiri sɛ meyɛɛ nam nananom atetesɛm mu.