Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:11 - Apam Foforɔ

11 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho deɛ, bɛde Nyankopɔn ahennie he ho ahintasɛm ama ho, na bɛ a bɛya wiase he deɛ, bɛde bibiaa ama bɛ mfantoho mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:11
20 Iomraidhean Croise  

Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Nso ho deɛ nhyira ne ho ani, sɛ ohu, ne ho aso, sɛ ɔte.


Na Yesu buaa no sɛ, “Nhyira ne wo, Simon, Yona ba! Ɔnyɛ honam ne mogyaa ne yi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔya soro.


Na ɔfrɛɛ bɛ baa ne nkyɛne na ɔyɔɔ saa mfantoho yi kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na Satan atutu Satan?


Berɛ a Yesu nkoaa ya hɔ he, bɛ a na bɛya ne nkyɛne he ne n’asuafoɔ dummienu he bisaa no mfantoho he ho asɛm.


Ɔhyɛɛ aseɛ de mfantoho kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma pii, ne nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,


Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.


Na hwane ne hu bibi sononko ya ho mu? Ɛɛne ne wowɔ a wo nsa anka? Na sɛ wo nsa kaeɛ a, mmɛ nti ne hoahoa woho te sɛ ɔnyɛ akyɛdeɛ?


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.


Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.


na ama hoanya anidie wiasefoɔ anim na hoamfa ho ho anto biaa so.


Afei, ɔsɛ sɛ ɔwɔ dini pa amanfoɔ anim na wanhwe animguaseɛ ne bronsam nnɛɛdɛɛ mu.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan