16 Na Farisifoɔ he mu atwerɛfoɔ he huu sɛ ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ oodidi he, bebisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?”
Na akyire he, ɔbaa sɛ berɛ a Yesu te didipono ho ya Lewi fie he, na ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bebree ne n’asuafoɔ ne te hɔ; na nnipa foforɔ bebree nso ka ne ho.
Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.
Nti hɔ yɛɛ gyegyeegye, na atwerɛfoɔ a befiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasa dendenndene sɛ, “Yenhu mfomsoɔ biaa nipa yi ho, efiri sɛ ebia na honhom anaa bɔfoɔ bi ne akasa kyerɛ no.”