Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:9 - Apam Foforɔ

9 nso dɔ nti, me Paulo ankasa a meyɛ asafopanyini, na seeseiaa mesane yɛ Kristo Yesu deduani he, srɛ wo—

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:9
17 Iomraidhean Croise  

Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.


Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.


Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa;


efiri sɛ, yɛnam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma Kristo Yesu mu.


Yei nti ne me Paulo a meyɛ Kristo Yesu deduani ma ho amanamane mufoɔ,


Nti afei me, Awurade mu deduani, mesrɛ ho sɛ hommɔ ho bra sɛnea ɔfata frɛ a bɛafrɛ ho he,


na ɔno ho somafoɔ ne meyɛ ya nkɔnsɔnkɔnsɔn mu yi. Hommɔ mpaeɛ sɛ mede akokoɔduro bɛpae mu aka asɛm biaa a ɔsɛ sɛ meka.


Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,


Kasa kyerɛ nkokora sɛ bɛnnyɔ bibi mma ɔntraso, bɛma bɛ anim nyɛ duru, na bɛmfa nyansa, dɔ ne boasetɔ nyɛ dene gyidie he mu.


Metu ho fo sɛ honyɔ saa adeɛ yi anibereɛ so, na ama bɛde asane abɛka ho ho animuanimu yiaa.


Adɔfonom, mekasa kyerɛ ho sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a hoya wiase. Hontwe ho ho mfiri honam akɔnnɔ a ɔne kra he di asie he ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan