Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:3
17 Iomraidhean Croise  

Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie.


Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo, wɔn nso teɛm dennen di w’akyi; sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.


Na n'abusuafo tee no, wofi bae sɛ wɔrebɛtwe no akɔ; efisɛ wɔkae sɛ: Ne tirim ka no.


Ɛnna ne na ne ne nuanom ba begyinaa mfikyiri soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no.


Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyereso no nti wɔantumi ammɛn no.


Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo.


Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.


Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?


Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.


Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee.


Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no bagua mu. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!


Na ne nuanom po annye no anni.


Na Petro ne dubiako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, munhu eyi, na momma me nsɛm yi nkɔ mo asom!


Na ne nua panyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuw Dawid kae sɛ: Dɛn nti na wusian baa ha? Na hena na wugyaw nguan kakra a wɔwɔ wuram no hyɛɛ ne nsa? Me de, minim w’anuɔden ne wo koma mu bɔne dedaw sɛ ɔko no hwɛ nti na wusian bae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan