Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, na ɛsow nʼaba ne bere mu a nʼahaban no nguan da. Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 1:3
32 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw, asukɔn so, na ne ntini tenetene kɔ asu no ho; na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm, na osukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛrennyae abasow.


Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.


Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara,


Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.


Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛw no nsuso, nsu pii nti, n’aba ne n’abaa bae yiye.


Afiasehwɛfo no anhaw ne ho anhwɛ biribiara a ɔde hyɛɛ Yosef nsa no, efisɛ AWURADE dii n'akyi, na nea ɔyɛe nyinaa, AWURADE ma ɛyɛɛ yiye.


ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.


Wotutu kɔtɛwee wɔ beae foforo wɔ afuw pa so ne nsu bebree ho sɛ enyiyi abaa na ɛnsow aba na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.


na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee.


Na nneyɛe a ofii ase Onyankopɔn fi som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye.


Na ne wura hui sɛ: AWURADE di n'akyi na AWURADE ma nea ɔyɛ nyinaa yɛ yiye n'abasa so no,


Na wubedi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ebesi wo yiye.


Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.


na wɔafefɛw sɛ sare a ɛwɔ nsu mu sɛ asukɔn so nnuaa, nsuten so.


nsu hua nti ɛfefɛw, na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw;


Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.


Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.


Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu.


Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na kɔ w’anim, na si AWURADE wo Nyankopɔn fi no, sɛnea ɔkae wo ho no.


na wɔn a wotwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so, yehyira mo AWURADE din mu.


Na nnipa bebree de ayɛyɛde brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenne brɛɛ Yuda hene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, eyinom akyi.


Ɛyerɛw sɛ asubon, sɛ asu so nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛw, te sɛ nsu so nkyeneduru.


AWURADE bɛhyɛ nhyira ma aba wo so, w’asan so, ne ade a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na obehyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.


Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no.


Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wubedi ahyɛde ne atemmude a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnne wobɛfɔefɔe. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro na wo koma nntu.


Wobɛbɔ wo tirim, na ebegyina ama wo, na hann bɛhyerɛn w’akwan so.


na wɔaka akyerɛ sɛ AWURADE teɛ, ɔne me botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu.


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa yi, na wama wo kra amee nea ɛhɔ awo, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom, ne nsuaniwa a emu nsu nni huammɔ.


Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn sen wuram nnua nyinaa, n’abaa akɛse wowaree atenten, nsu dodow a enyae a eyiyi abaa no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan