Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na wɔn a wɔsane firii nnommumfa mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na na Israelfoɔ nyɛɛ saa da firi Nun ba Yosua berɛ so de bɛsi da no. Na ɛyɛɛ anigyeɛ kɛseɛ pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu wɔ afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no wɔ saa kwan yi so da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 Na wɔn a wɔsane firii nnommumfa mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na na Israelfoɔ nyɛɛ saa da firi Nun ba Yosua berɛ so de bɛsi da no. Na ɛyɛɛ anigyeɛ kɛseɛ pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Enti, obiara a wafiri nneduasom mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu afahyɛberɛ no nnanson mu, na obiara ani gyee yie. Ɛfiri Nun babarima Yosua berɛ so no, Israelfoɔ anni afahyɛ no saa ɛkwan yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:17
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔde anigye kɛse didi nomee, AWURADE anim da no. Na wosii Dawid ba Solomon hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, ne Sadok nso sɛ ɔsɔfo.


Na anigye bebree a efi Israel hene Solomon, Dawid ba no bere so, ɛmaa saa da Yerusalem, baa Yerusalem.


Na efi odiyifo Samuel bere so wonnii Twam bi sɛ eyi Israel, na Israel ahene nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia ne asɔfo ne Lewifo ne Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfo dii no.


sɛnea ehia da biara na ɔbɔ ɔhyew afɔre no, sɛnea Mose hyɛe no, home nna de ne asram foforo de; ne afahyɛ ahorow abiɛsa a wɔhyɛ no afe biara a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna, ne asese nnapɔnna no mu.


Na wodii asese nnapɔnna no sɛ wɔakyerɛw no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔre ne dodow mu, sɛ n’atɔremude te no, sɛnea ehia da biara.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Nnansɔn na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a AWURADE ayi hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn behyira wo, wo nnɔbae mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a na wɔn nsa nkaa bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii, yɛɛ no atuu kae sɛ, wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.


Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara adedifo Isak ne Yakob tenaa ntamadan mu.


Na sɛ Yosua ama wɔahome a, anka akyiri yi wammɔ da foforo din bio.


Na AWURADE akoa Mose wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfo no sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan