Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:7
10 Iomraidhean Croise  

Na afei, hwɛ, Adonigya na odi hene yi; nanso me wura ɔhene, wunnim.


Na ɛnnɛ wasian kɔ, na wakokum anantwinini, ne anantwi a wɔadɔ srade, ne nguan bebree, na wahyia ahenemma nyinaa ne asafohene ne ɔsɔfo Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adonigya tiri nkwa!


Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛn torobɛnto sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa!


Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfo Abiatar na edi atirimsɛm, na wodii Adonigya akyi boaa no.


Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.


Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.


Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan