Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:13
24 Iomraidhean Croise  

Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.


Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.


Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri.


Din pa ye sen ngo a ne bo yɛ den, na owuda ye sen awoda.


Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo,


Na hena nti na wo koma tui na wusuroe, na wudii atoro na woankae me amfa anhyɛ wo koma mu yi? So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti na wunsuro me yi?


Enti wo de, bɔ abɔso, na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔn anim.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na mate nnipa pii nsekudi, ehu wɔ afa nyinaa, wose: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Me nnamfo pa a me ne wɔn nni asɛm mpo hwehwɛ me asehwe na wɔka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyigye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were no so.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo.


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu.


Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,


Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.


Na nea meyɛ no, mɛyɛ ara, na masiw wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn nea wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara.


Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw;


efisɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.


asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.


Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan