Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:10
21 Iomraidhean Croise  

Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bedii n'ade. Na ne kurow din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babea Matred babea.


Na ɔtotoo ɔdan no fasu ho asansa nsɛmso de twaa ɔdan no afasu ho hyiae, asɔredan no ankasa ne mpiakyiri no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:


Na ɔne no hintaw AWURADE fi mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.


na Ahab fi nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara afi Israel mu akyene, sɛ ɔyɛ akoa, anaa ɔdehye.


Na Ahas boaboaa Onyankopɔn fi nnwinne ano, na otwitwaa Onyankopɔn fi nnwinne no mu, na ɔtotoo AWURADE fi apon no mu. Na osisii afɔremuka Yerusalem twea nyinaa so.


Ɔno de, n’ahenni afe a edi kan no mu, ɔsram a edi kan no so na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no, na omiamiaa mu.


Nso wɔtotoo ntwironoa no apon mu, na wodunnum akanea no, na wɔanhyew aduhuam, na ɔhyew afɔre nso wɔammɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.


ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkiya, Semaia, Simeon,


Ɛnna mesoma mekɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitiriw, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfo,


Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.


Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so:


Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.


Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me de, wɔato me mu, mintumi menkɔ AWURADE fi.


Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi.


Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn.


Na kurow no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfo no de mmirika bɛboaa wɔn ho ano; na wosusoo Paulo mu twee no fii asɔrefi hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apon no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan