Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:9
21 Iomraidhean Croise  

Na Abraham kae sɛ: Efisɛ misusuwii sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wobekum me.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn.


Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu.


Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dan wɔn ahohora bua wɔn atifi, na fa wɔn yɛ odwen nnommumfa asase so,


Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.


Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.


Hena na ohu w’abufuw ano den a ɛyɛ, ne w’anibere, sɛ wo ho suro te?


Omimdifo sisi ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwan a enye so.


Sɛ wodi ɔtreneeni kasa a, enye, na sɛ wɔhwe adɛɛfo a, enye koraa.


Enye sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefo anim, na wɔdan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye, na nea ne nan ase yɛ hare no yɛ bɔne.


Eyinom nso yɛ anyansafo dea. Atemmu mu animhwɛ nye.


Na woduu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wohuraa me din kronkron no ho, sɛ wɔkae wɔn ho sɛ: AWURADE man ne eyinom, nanso wɔafi n’asase so kɔ.


Nnye ne hɔ mfɛntom, na nhuruw ne ka a ɔde wo no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.


Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.


Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no.


Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw;


na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na mete sɛ AWURADE manfo no ka fa mo ho kyin yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan