Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia (460) ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:15
19 Iomraidhean Croise  

Na Abraham kae sɛ: Efisɛ misusuwii sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wobekum me.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn.


Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho.


Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?


Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.


Munyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a osuro AWURADE, na onya ne mmara ho anika pii.


AWURADE ani sɔ wɔn a wosuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔe so.


Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Ɔpanyin a otie atosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo.


Mo mu hena na osuro AWURADE, na otie n’akoa asɛm? Nea ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, nanso ɔde ne ho to AWURADE din so, na ontweri ne Nyankopɔn.


Na metɔɔ afuw no m’agya ne nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ no, dwetɛ nnwetɛbona dunsɔn memaa no.


Nkoa di yɛn so, nea ɔbɛgye yɛn afi wɔn nsam nni hɔ.


Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na moayɛ aboro so? Towgyefo nso nyɛ saa anaa?


Na mewɔ mo nkyɛn na ehiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na nea ehiaa me no, anuanom a wofi Makedonia bae no maame nsa kae; na nneɛma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo.


Na ɛdɛn mu na motɔɔ sin a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo de, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!


Na obegye mo awifuw ne bobe nturo aba mu ntotoso du du de ama ne gyaasefo ne n’asomfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan