Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, “Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:2
17 Iomraidhean Croise  

Ɛnna asase no sofo maa Yuda man no nsam gowee, na wotuu wɔn bo abanto no ho.


Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.


Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.


Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.


Na wɔde adaduonum abien na ewiee ɔfasu no ɔsram Elul da a ɛto so aduonu anum.


Wɔka sɛ: Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.


Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.


So wunhuu nea ɔman yi reka sɛ: Mmusua abien a AWURADE pawee no, wapa wɔn, no anaa? Na wobu me man animtiaa, sɛ wɔnnyɛ, wɔn ani so ɔman bio.


AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu.


Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan