Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:3
11 Iomraidhean Croise  

Na eyi akyi no, ɔtoo Dawid kurow akyi fasu, Gihon atɔe, osubon no mu de kosii Mpataa pon ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔma ɛkorɔn yiye. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu.


Senaa mma: Mpensa ahansia aduasa.


de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.


ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.


Na ɔpon dedaw no, Pasea ba, Yoiada ne Besodeia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsɛm so, na wosisii n’apon ne ne mpratwom ne n’adaban.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano),


Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo.


Senaa mma: Mpensa ahankron aduasa.


Na wahyɛ w’aponkɛse adaban den, wahyira wo mma a wɔwɔ wo mu.


Na ɛda no, Awurade asɛm ni, osu nne befi Mpataa Pon no ano, na adwotwa afi ɔfa a ɛto so abien no mu, na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan