Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 mefaa nnipa kakra bi kaa me ho, firii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛeɛ a Onyankopɔn de ahyɛ mʼakoma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afunumu a mete ne soɔ no nko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:12
20 Iomraidhean Croise  

Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho,


Na mebaa Yerusalem, na midii hɔ nnansa.


Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.


Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe, ensi w’adɔfo yiye.


Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yiye; to Yerusalem afasu!


Onipa nitewfo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.


osuane wɔ ne bere, na ɔpam wɔ ne bere; Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere;


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensan mimfi wɔn akyi sɛ merenyɛ wɔn yiye bio, na mede me suro mɛhyɛ wɔn komam, na wɔamfi me nkyɛn.


Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne.


Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu mpo no, ne ho na wɛn w’ano.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.


Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na anadwo, na ofii hɔ kɔɔ Misraim,


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.


Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo fii Gilgal bae.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du.


Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no; na sɛ osuro n’agya fi ne kurom hɔfo no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.


Na afei sɔre anadwo, wo ne ɔman a wɔka wo ho no, na kɔtɛw wuram.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan