Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ home da, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:15
31 Iomraidhean Croise  

Na ɔsomaa adiyifo baa wɔn mu sɛ wɔmmɛsan wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wodii wɔn adanse, nanso wɔantie.


Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.


Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;


Na Tirofo bi a ɛte [kurom] hɔ nso de mpataa ne adetɔnne horow nyinaa ba, na wɔbɛtɔn homeda ma Yudafo ne Yerusalemfo.


Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio.


Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.


So wubegye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba wo san so?


Me man, muntie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebedi wo adanse: Me, Nyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Enti Israelfo no nhwɛ homeda no na wonni homeda no, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛ daa apam.


Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no de, home, fɛntɛm bere mu ne otwa bere mu na home.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wobekum no.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Sɛ wusianka wo nan homeda na me da kronkron no, woanyɛ nea wopɛ, na wofrɛ homeda sɛ anigyede, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ nidi, na wudi no ni, na woamfa wankasa akwan so, na woanyɛ nea wo ara wopɛ, na woankeka nsɛm a,


Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm ni, sɛ mutie me, na momfa adesoa biara mfa kurow yi apon mu mma mu homeda, na mudi homeda no kronkron nyɛ emu adwuma biara a,


Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.


AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkae, sɛ monnkɔ Misraim! Na munhu pefee sɛ madi mo adanse nnɛ.


Na Israel fi tew m’anim atua sare so; wɔanni m’ahyɛde so na wɔpoo m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, obenya mu nkwa no, na me home nna nso, wohuraa ho bebree. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, sare so na madwerɛw wɔn;


na mubisa sɛ: Da bɛn na ɔsram foforo betwam na yɛatɔn awi, ne homeda, na yɛabue ɔsan ano, na yɛayɛ olonka ketewa, na yɛama n’abrammo aso, na yɛakyea nsenia de asisi?


Me man, dɛn na mayɛ wo, na ɛdɛn na mede mahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ!


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!


na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.


Na midi adanse bio mekyerɛ onipa biara a wotwa no twetia sɛ, etwa no sɛ odi mmara no nyinaa so.


Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Na sɛ wo werɛ fi AWURADE wo Nyankopɔn, na wukodi anyame foforo akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, midi mo adanse nnɛ, sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe.


sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan