Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 13:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Kae saa ade pa yi yɛ, me Nyankopɔn, na mma wo werɛ mfi nea mifi nokwaredi mu ayɛ nyinaa de ama me Nyankopɔn Asɔredan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Kae saa ade pa yi yɛ, Ao me Onyankopɔn, na mma wo werɛ mfiri deɛ mefiri nokorɛdie mu ayɛ nyinaa de ama me Onyankopɔn Asɔredan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 13:14
14 Iomraidhean Croise  

Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.


Nanso me Nyankopɔn fi ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akorade a ɛwɔ me ho no, mede mama me Nyankopɔn fi no mapae nea masiesie masie kronkronbea fi no nyinaa so.


Na wokosiee no Dawid kurow mu, ahene no nkyɛn, efisɛ odii asɛm pa, Israel ne Nyankopɔn ne ne fi no ho.


Na nea aka a ehia sɛ wohwere no Onyankopɔn fi no, fa fi ɔhene adekora fi ma.


Na yɛrema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Onyankopɔn fi no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ogye wɔn tow, amanne ne akwanne.


Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho,


Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.


Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.


Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa.


Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware mu ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’agya ne n’abɔfo anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan