Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:30 - KYERƐW KRONKRON

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:30
15 Iomraidhean Croise  

Na ne sɛso hene bi anni n’anim a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyi nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.


Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea, na ɔpamee AWURADE anim sɛ obedi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so.


Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,


Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.


Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.


Na midwiraa wɔn ho fii amanaman nneɛma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo no asɛde, sɛnea obiara adwuma te,


Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.


Maka ntam, na mɛma agyina, sɛ medi wo trenee atemmude so.


na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman.


mo mma, mo yerenom ne wo hɔho a ɔwɔ wo nsra mu, efi wo duatwafo so kosi wo nsusawfo so:


na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan