Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:3
33 Iomraidhean Croise  

ɛnne metwa Israel afi asase a mede mama wɔn no ani, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din no, mɛtow afi m’anim akyene, na Israel bɛdan bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.


Na Kaldeafo dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no buruw Yerusalem afasu no hyiae.


Na wɔhyew Onyankopɔn fi no, na woburuw Yerusalem fasu no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyewee, na emu afɛfɛde nyinaa sɛee.


Na eyinom ne Yuda asase no sofo a wofi nnommum a Babel hene Nebukadnesar tutuu wɔn kɔɔ mu wɔ Babel no, wɔsan baa Yerusalem ne Yuda, na wɔkokɔɔ wɔn nkurow mu.


Ma ɔhene nhu sɛ yesiim kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛse no fi hɔ, na wɔde abo akɛse resi, na wɔde nnua agugu afasu no so, na adwuma no, wɔreyɛ no nsi mu, na ɛreyɛ yiye wɔ wɔn nsam.


Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.


Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.


Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.


na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.


Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Onipa a ontumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.


Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so;


na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ;


Na mede afoa, ɔkɔm ne owuyare metiw wɔn, na mama wɔaguan wɔn ho asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadan nnome ne ahodwiriwde ne fɛwdi ne ahohorade, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,


Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛnea m’abufuw ne m’abufuhyew hwie guu Yerusalemfo so no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyew behwie agu mo so, na moadan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa, na morenhu ha yi bio.


Momforo n’afasu na monsɛe no, nanso monnsɛe no nnwie. Mompempan n’abaa, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Na Kaldeafo asraafo dɔm a wɔne ankɔbeahene no bae no nyinaa buruw Yerusalem afasu no nyinaa hyiae.


Yerusalem amane ne n’ahometew nna yi mu wakae n’afɛfɛde a ɛwɔ hɔ fi tete nna no mu no nyinaa; ne nkurɔfo hwee ɔhohiafo nsam na wannya ɔboafo no, n’ahohiafo ani gyei, na wɔserew n’asehwe no.


N’aponkɛse amem kɔ fam, akyiri adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, akwankyerɛ nni hɔ bio, n’adiyifo nhu AWURADE hɔ ani so ade.


AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa, wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa!


AWURADE, kae nea aba yɛn so, hwɛ na hu yɛn ahohora!


Na megu mo nkurow mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhuam no hua.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan