Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:1
39 Iomraidhean Croise  

Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.


Adam awo ntoatoaso nhoma ni: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ne suban so na ɔyɛɛ no;


AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo.


Me ne nea mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


N’asefo bɛtena hɔ daa, na n’agua ayɛ m’anim sɛ owia.


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Wɔde atɛnkyew yii no kɔe; ne beresofo nso, hena na odwen ho na wohwim no fii ateasefo asase so, na me man mmarato nti na wɔbobɔɔ no?


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.


Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.


Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.


Abraham woo Isak, Isak woo Yakob, Yakob woo Yuda ne ne nuanom.


Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!


Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.


Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Na sɛ ɔyɛ odiyifo, na onim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asen mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahengua so nti,


wɔ ne ba a ɔhonam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;


Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so.


na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.


Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.


Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu


Kae Yesu Kristo a ɔsɔre fii awufo mu a ofi Dawid ase, sɛnea m’asɛmpa no te no.


Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan