Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 6:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofofo no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 6:2
20 Iomraidhean Croise  

Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa ampa.


Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.


Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn.


Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:


Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu.


Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa.


Na AWURADE, Israel Nyankopɔn de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wɔkunkumm wɔn, na Israel faa Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no asase nyinaa dii so,


Ɛnyɛ deɛ wo nyame Kemos de maa wo sɛ di soɔ na wobɛfa adi soɔ anaa? Na adeɛ biara a AWURADE Nyankopɔn agye de ama yɛn sɛ yɛnni soɔ no, ɛno na yɛbɛfa adi soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan