Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 5:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Amorifo ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔe fam no nyinaa ne Kanaan ahene a wɔwɔ po ano no nyinaa tee sɛ AWURADE ayow Yordan nsu Israelfo no anim akosi sɛ wotwae no, wɔn koma tui a ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfo no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 5:1
32 Iomraidhean Croise  

Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so.


Na me deɛ, mama wo asase kɛseɛ bi a ɛboro wo nuanom deɛ soɔ a mede me nkrantɛ ne me tadua megyee no Amorifoɔ nsam.


Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.


ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’aforeɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.


Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


Amorifoɔ hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahennie nyinaa,


Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim.


Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.


Na sɛ wɔbisa wo sɛ: Ɛdeɛn ho na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm ntira, ɛfiri sɛ ɛreba, na akoma nyinaa bɛnane, na nsa nyinaa mu agogo, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adanedane nsuo. Hwɛ, ɛreba na abɛyɛ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.


Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena.


na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.


Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?


Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifoɔ afiri ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi soɔ anaa?


Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.


Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na anɔpa nsa tetee Nabal ani soɔ no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na n’akoma gyenee wɔ ne yam, na ɔdanee sɛ ɔboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan