Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:7 - Twerɛ Kronkron

7 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ Awurade apam adaka no anim, bere a Awurade apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 monka nkyerɛ wɔn sɛ, Yordan asutene no twaeɛ wɔ Awurade apam adaka no anim. Ɛberɛ a Awurade apam adaka no twaa Yordan asutene no, asuo no weeɛ. Saa aboɔ yi bɛyɛ nkaedeɛ ama Israelfoɔ daa nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsu no twae, AWURADE apam adaka no anim bere a apam adaka no twaa Yordan no, na abo yi nyɛ nkae mma Israelfo nkosi daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:7
11 Iomraidhean Croise  

Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.


Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ.


Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ.


Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.


Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.


na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkaa sɛ: Yei ne me nipadua a wɔrebubu ama mo no; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ!


Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.


Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode aboɔ yi kyerɛ deɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan