Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 4:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na ɛberɛ a obiara duruu asuo no fa hɔ no, asɔfoɔ no nso de Awurade adaka no tware kɔɔ ɛfa hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 4:11
7 Iomraidhean Croise  

Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie, na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.


Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.


Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no,


Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no foro firii Yordan mu na asɔfoɔ no anammɔn bɛsii asase pɛsɛɛ soɔ ara pɛ, na Yordan mu nsuo no sane baa n’afa, na ɛbɛkataa ne nsunoa nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan