Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 3:3 - Twerɛ Kronkron

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Awurade, mo Onyankopɔn Apam Adaka no a, monni wɔn akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ muhu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewi asɔfo a wɔso no a, mo nso muntu mfi nea mowɔ hɔ, na munni akyiri;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 3:3
20 Iomraidhean Croise  

Na wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutuu anammɔn nsia no, ɔde nantwie ne aboa a wadɔ bɔɔ afɔdeɛ.


Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe.


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no.


Na asɔfoɔ, Lewifoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wahye aduane ayɛyɛdeɛ na wabɔ okum afɔdeɛ nna nyinaa remmɔ wɔn wɔ m’anim.


Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;


Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.


Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.


ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:


Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.


nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.


Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Monsoa apam adaka no nsene nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.


Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.


Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,


Na Lewifoɔ no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinneɛ no wɔ mu no sisii ɔbo kɛseɛ no so; na Bet-semesfoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔkunkum okum afɔdeɛ da no ara maa AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan