Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yosua 2:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yɛate sɛnea Awurade maa Po Kɔkɔɔ no yow ma munyaa kwan faa mu bere a mufii Misraim no. Na yenim sɛnea moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no ne sɛnea mosɛee wɔn nkurɔfo pasaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yɛate sɛdeɛ Awurade maa Ɛpo Kɔkɔɔ no weeɛ ma monyaa ɛkwan faa mu ɛberɛ a mofirii Misraim no. Na yɛnim sɛdeɛ moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no ne sɛdeɛ mosɛee wɔn nkurɔfoɔ pasaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na yɛate sɛnea mo Misraim fi mu no AWURADE maa Mmɛw-Po mu nsu yowee mo anim, ne nea moyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yosua 2:10
13 Iomraidhean Croise  

Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee.


Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,


Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.


Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.


Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.


Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamm wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.


na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.


Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim.


ne deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan