Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 9:11 - Twerɛ Kronkron

11 Ɔbua kaa sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m’ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ Ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔbua kaa sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m’ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ Ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 9:11
6 Iomraidhean Croise  

Na wɔbisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa firii n’anomu anaa?


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?


Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɔwɔ he? Ɔse: Mennim.


Ɔbuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dada, na moante? Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n’asuafoɔ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan