Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 7:13 - Twerɛ Kronkron

13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 7:13
13 Iomraidhean Croise  

Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.


Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.


Ɛnna Yudafoɔ no hwehwɛɛ no afahyɛ no aseɛ, na wɔse: Ɔwɔ he?


Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.


Menim faako woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan