Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nkurɔfoɔ hunuu sɛ Yesu nam anwanwakwan so asa nnipa pii yadeɛ no enti, wɔdii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:2
19 Iomraidhean Croise  

Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano.


Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.


Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi.


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na nkurɔfoɔ hunuu wɔn sɛ wɔrekorɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fam firi nkuro no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wɔtwaree wɔn ano.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni,


Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.


Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Adeɛ kyeeɛ no, na nkurɔfokuo a wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ sɛ baako a n’asuafoɔ no kɔɔ mu, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ kodoɔ no mu no, n’asuafoɔ no nko na wɔkɔeɛ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan