Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:23 - Twerɛ Kronkron

23 Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

23 Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:23
39 Iomraidhean Croise  

Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


AWURADE ani sɔ wɔn a wɔsuro no, wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ.


O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo, yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.


Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ, na nnaadaa nni ne honhom mu.


Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm.


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


M’aburuburo a wowɔ ɔbotan tokuro mu ne sorɔnsorɔmmea ahuntaeɛ, ma menhunu w’anim, ma mente wo nne, na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ.


Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu.


Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,


ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan, sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no; wɔbisa me hɔ asɛntenenee, wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn.


Na yei nyinaa mu mpo ne nuabaa kɔnkɔnsani Yuda amfa n’akoma nyinaa ansane amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm nie.


na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a, amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.


Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.


Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne,


Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,


Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!


Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan