Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:18 - Twerɛ Kronkron

18 na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:18
16 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.


Na wɔse: Ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamamfoɔ anaa?


Ampa, sɛdeɛ ɔbaa kɔnkɔnsani twa ne dɔfoɔ nkontompo no, sɛdeɛ mo, Israel fie, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm nie.


Ɛyerɛ a ɔsɛe awadeɛ, ɔfa ananafoɔ si ne kunu ananmu.


Ɛno nti, odwamamfoɔ, tie AWURADE asɛm!


Yei ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi kɔgu ne ho fi


na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awadeɛ.


Yesu see no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!


Ɔbaa no bua kaa sɛ: Menni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yie sɛ wose: Menni kunu;


Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.


Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan