Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:18 - Twerɛ Kronkron

18 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:18
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu.


Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ.


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.


Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi?


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan