Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:11 - Twerɛ Kronkron

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:11
43 Iomraidhean Croise  

Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.


Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose diiɛ.


Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Yesu bua see no sɛ: Ɛsiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma no aseɛ no nti na ɛma wogye die yi anaa? Wobɛhunu nnoɔma akɛseɛ a ɛsene yeinom.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.


na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni,


Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ.


Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.


na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.


Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio.


Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.


Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?


Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


bɛkaa sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahunu n’animuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afiri ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahunu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso ɔnya nkwa.


Yeinom na matwerɛ mabrɛ mo, na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn Ba no din adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan