Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:21 - Twerɛ Kronkron

21 Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Sɛ ɔbaa rebɛwo a, ne werɛ ho, ɛfiri sɛ, nʼamanehunuberɛ aduru so. Nanso, sɛ ɔnya wo a, ne werɛ firi ne yea, ɛfiri sɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba ewiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ɔte yaw, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:21
18 Iomraidhean Croise  

Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Yea mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.


Na wo werɛ bɛfiri wo haw, wobɛkae no sɛ nsuo a asene.


Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.


Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,


Ɔnnya nkyemeeɛ no, na wawo; awoɔyea nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima.


Sion babaa, ko awoɔ, kyem sɛ ɔwofoɔ, na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu akɔtena wiram, na woakɔtena Babel tɔnn. Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afiri w’atamfo nsam.


Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?


Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye; Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team! Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan