Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:16 - Twerɛ Kronkron

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Aka kakra bi morenhunu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa, mobɛhunu me bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:16
19 Iomraidhean Croise  

Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ.


Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,


Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.


ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;


Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;


Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?


Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka yeinom wiase, na wɔanya m’anigyeɛ ama awie pɛyɛ wɔ wɔn mu.


Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.


Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan