Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:10 - Twerɛ Kronkron

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:10
26 Iomraidhean Croise  

AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.


Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?


Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,


Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.


Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.


Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan