Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 15:8 - Twerɛ Kronkron

8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 15:8
19 Iomraidhean Croise  

Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.


Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.


Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.


Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.


Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.


Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa;


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.


na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu.


na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan