Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:6 - Twerɛ Kronkron

6 Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:6
19 Iomraidhean Croise  

Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di, ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔfie, na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.


ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.


Na ɔpaani dwane, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani, na ɔnnwene nnwan no ho.


Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafoɔ?


Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.


awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.


gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.


Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ,


Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan