Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:16 - Twerɛ Kronkron

16 Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Nso n’asuafo no ante eyinom ase kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:16
19 Iomraidhean Croise  

Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie!


Ɛno na ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee atwerɛ nsɛm no aseɛ.


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.


Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!


Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.


Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan