Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:10
14 Iomraidhean Croise  

Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Na ɔsee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.


ɛfiri sɛ ne nti na Yudafoɔ mu pii kɔeɛ, kɔgyee Yesu diiɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no mu nkurɔfokuo pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko ara ntira, na mmom sɛ wɔbɛhunu Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso ntira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan