Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 14:12 - Twerɛ Kronkron

12 Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam, anɔpa nsoromma, adekyee babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kan no wobrɛ amanaman ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Woafi soro ahwe ase, nsoromma hyerɛnfo, adekyee ba, Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman ase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 14:12
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔsee wɔn sɛ: Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.


Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.


sɛdeɛ me nso menyaeɛ wɔ m’Agya nsa mu no; na mɛma no adekyeeɛ nsoromma no.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.


Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no, sɛdeɛ Babel asi adane amamfo amanaman mu ne no!


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ, AWURADE asɛm nie.


Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.


Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!


Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan