Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 13:2 - Twerɛ Kronkron

2 Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi, teɛ mu frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Monsi frankaa bepɔ petee so, momma mo nne so mma wɔn; monhinhim mo nsa, na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi, teaam frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Munsi frankaa bepɔw petee so, momma mo nne so mma wɔn, munhinhim mo nsa, na wɔnhyɛn mmapɔmma abobow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 13:2
15 Iomraidhean Croise  

Wode frankaa ama w’afɛrefoɔ sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokorɛ nti.


Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob, ɔbɛwoso ne nsa agu Sion babaa bepɔ, Yerusalem kokoɔ no, so.


Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.


Na AWURADE bɛwe Misraim po mu nsuo korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so, na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.


Mo wiasefoɔ nyinaa ne mo a mote asase so nyinaa, sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie.


Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti.


Na ne botan de ehu bɛsene akɔ, na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho. AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.


Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie, na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano, na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam reba na ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo bebree wɔkanyan wɔn ho firi asase ano tɔnn.


Monsi frankaa ntia Babel afasuo, momma ɔwɛn mu nyɛ den, momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ, monsiesie atɛfoɔ, na AWURADE dwene ne tirim, nso ɔreyɛ deɛ waka no Babelfoɔ ho no.


Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ, AWURADE asɛm nie, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na matene me nsa, na mamunimuni wo afiri ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no, wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee, na kuro ano apono a ɛkorɔn no, wɔde ogya bɛhye, na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu, na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan