Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 1:9 - Twerɛ Kronkron

9 ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 1:9
24 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.


Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.


Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.


Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a ɔnnye nnie anaa ɔnnim biribie ba mu a, wɔn nyinaa twi n’anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


Enti afei, anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nwoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.


adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


na nya gyidie ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidie ho no.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa.


Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.


Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no,


Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.


a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.


Na wo deɛ, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no.


Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.


Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.


Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan