Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 1:6 - Twerɛ Kronkron

6 Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Deɛ ɔbu mmara no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔne ahohwifoɔ bɔ no hyɛ n’agya aniwuo.


Nanso wɔmmfa okunafoɔ ne deɛ wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fie asefoɔ mu mmammaa, anaa okunafoɔ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ bi kunafoɔ.


okunafoɔ ne deɛ wɔako no ne deɛ ne ho ahura ne odwamamfoɔ deɛ, ɔnnware yeinom mu biara, na mmom ne man mu baabunu na ɔnwareɛ.


Wɔnnware ɔbaa dwamamfoɔ bi anaa deɛ ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbaa a ne kunu ako no, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn.


Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.


Yudahene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mmammaa no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔteneneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyankopɔn ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔn ho nteɛ na wɔn ho agu fi, wɔn a wɔkum wɔn agya ne wɔn na, nnipakumfoɔ,


Asafo mu asomfoɔ nyɛ ɛyerenom mmaako mmaako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ara fie so yie.


Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu


Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.


Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan