Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Tito 1:10 - Twerɛ Kronkron

10 Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo atuatewfo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Tito 1:10
29 Iomraidhean Croise  

(Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.)


Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ


Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.


Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,


Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.


Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie?


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,


nso wɔnntie anansesɛm ne anatoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sene Nyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidie mu no.


Ɛno na ebinom atere ho adane kɔ nsɛnhuhuo mu


Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔteneneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyankopɔn ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔn ho nteɛ na wɔn ho agu fi, wɔn a wɔkum wɔn agya ne wɔn na, nnipakumfoɔ,


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Na wɔbɛyi wɔn aso afiri nokorɛ ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm.


Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.


Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie.


Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.


Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no.


Nanso yei na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifoɔ nnwuma a me nso metan no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan